Psalms 50

Ɔsom pa

1Otumfoɔ Awurade Nyankopɔn kasa; ɔkasa kyerɛ asase nyinaa fi apuei kosi atɔe.
2Onyankopɔn hyerɛn fi Sion, kurow a ne fɛ so nni.
3Yɛn Nyankopɔn reba nanso ɔremma komm; ogya frama di nʼanim.
Ahum dennen atwa ne ho ahyia.
4Ɔfrɛ soro ne asase adansefo sɛ wɔmmɛhwɛ sɛ ɔrebu ne nkurɔfo atɛn.
5Ɔka se, “Boaboa me gyidifo ano brɛ me; wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me yɛɛ apam no.”
6Ɔsoro pae mu ka se,
Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni, na ɔno ankasa yɛ ɔtemmufo.
7Muntie, me nkurɔfo; mɛkasa.
Medi adanse atia wo,
Israel.
Mene Onyankopɔn, mo Nyankopɔn no.
8Ɛnyɛ mo afɔrebɔ no anaa ɔhyew afɔre a mobɔ ma me daa no nti na mereka mo anim.
9Merenhwehwɛ anantwinini mfi mo mfuw mu.
Saa ara na merenhwehwɛ mmirekyi mfi mo nguankuw mu.
10Kwae mu mmoa nyinaa yɛ me de.
Anantwi a wɔwɔ mmepɔw mpempem so nso saa ara.
11Wuram nnomaa nyinaa ne nneɛma a nkwa wɔ mu a wɔwɔ mfum nso yɛ me de.
12“Sɛ ɔkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; efisɛ, wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ me de.
13Mewe anantwinini, nom mmirekyi mogya anaa?
14Momma aseda a moda Onyankopɔn no nyɛ afɔre a mobɔ ma no, na momfa biribiara a mohyɛ Otumfoɔ no ho bɔ no mma no.
15Amane mu, momfrɛ me na megye mo na mobɛkamfo me.”
16Nanso Onyankopɔn bisa nnebɔneyɛfo no se, “Adɛn nti na moka me mmara?
Adɛn nti na moka mʼapam ho asɛm?
17Mompɛ sɛ mɛteɛteɛ mo so.
Mopoo me mmara.
18Owifo biara a mubehu no no, mofa no yɔnko na mo ne awaresɛefo bɔ.
19Daa musiesie mo ho sɛ mobɛka bɔne; monkyɛ atorotwa ho.
20Moasiesie mo ho sɛ moka asɛm to mo nuanom so na mopɛ mfomso tia wɔn.
21Moayɛ eyinom nyinaa; nanso manka hwee, enti mususuw sɛ mete sɛ mo.
Nanso afei meka mo anim ma asɛm no mu da hɔ ma mo.
22Mo a moantie me, muntie asɛm yi, anyɛ saa a, mɛsɛe mo na obi nni hɔ a obegye mo nkwa.
23Aseda a mobɛda no yɛ afɔre a ɛhyɛ me anuonyam na akyinnye biara nni ho sɛ megye wɔn a wotie me no nkwa.”
Copyright information for TwiNAK